Dwom 69:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Mede nnwonto beyi Onyankopɔn din ayɛ,+Na mede aseda bɛkamfo no.+ Dwom 107:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Momma wɔmfa aseda mmɔ Onyankopɔn afɔre+Na wɔmfa ahurusi nka ne nnwuma ho asɛm.+ Mmebusɛm 21:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Adetreneeyɛ ne atɛntrenee sɔ Yehowa ani sen afɔrebɔ.+ Hosea 6:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Mepɛ adɔe,+ na ɛnyɛ afɔrebɔ;+ Onyankopɔn ho nimdeɛ, na ɛnyɛ ɔhyew afɔre.+ Hebrifo 13:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre+ daa, a ɛne anofafa aba+ a wɔde bɔ ne din wɔ baguam+ no.
15 Momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre+ daa, a ɛne anofafa aba+ a wɔde bɔ ne din wɔ baguam+ no.