Genesis 6:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Onyankopɔn huu asase no, na hwɛ! na asɛe,+ efisɛ na ɔhonam nyinaa asɛe wɔn akwan.+ Dwom 12:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 O Yehowa, gye me,+ na nokwaredifo asa;+Anokwafo ayera wɔ nnipa mma mu. Dwom 14:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Wɔn nyinaa aman,+ wɔn nyinaa aporɔw;+Obiara nni hɔ a ɔyɛ adepa,+Obiako mpo nni hɔ.+ Ɔsɛnkafo 7:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Ɔtreneeni biara nni asase so a adepa nko ara na ɔyɛ na ɔnyɛ bɔne.+ Romafo 3:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Nnipa nyinaa afom kwan, wɔn nyinaa adan ahuhufo; obiara nni hɔ a ne yam ye, obiako pɛ mpo nni hɔ.”+
12 Nnipa nyinaa afom kwan, wɔn nyinaa adan ahuhufo; obiara nni hɔ a ne yam ye, obiako pɛ mpo nni hɔ.”+