Dwom 88:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 88 O Yehowa, me nkwagye Nyankopɔn,+Adekyee na misu mefrɛ wo,+Ne adesae, w’anim.+ Dwom 119:147 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 147 Mesɔre anɔpahema+ misu hwehwɛ ɔboafo.+Na w’asɛm so na m’ani da.+ Daniel 6:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Bere a Daniel tee sɛ wɔde nsa ahyɛ mmara no ase no, ɔkɔɔ ne fie; nso na n’abansoro dan mu mfɛnsere a ɛkyerɛ Yerusalem+ no abuebue, na ɔkotow ne nkotodwe anim mprɛnsa da koro,+ na ɔbɔɔ mpae+ daa ase, ne Nyankopɔn anim+ sɛnea na ɔyɛ kan no ara.+ Marko 1:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Na anɔpatutuutu a anim ntetewee no, ɔsɔre fii adi kɔɔ baabi a obiara nni,+ na ofii ase bɔɔ mpae+ wɔ hɔ. 1 Tesalonikafo 5:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Munnnyae mpaebɔ da.+
10 Bere a Daniel tee sɛ wɔde nsa ahyɛ mmara no ase no, ɔkɔɔ ne fie; nso na n’abansoro dan mu mfɛnsere a ɛkyerɛ Yerusalem+ no abuebue, na ɔkotow ne nkotodwe anim mprɛnsa da koro,+ na ɔbɔɔ mpae+ daa ase, ne Nyankopɔn anim+ sɛnea na ɔyɛ kan no ara.+
35 Na anɔpatutuutu a anim ntetewee no, ɔsɔre fii adi kɔɔ baabi a obiara nni,+ na ofii ase bɔɔ mpae+ wɔ hɔ.