Dwom 37:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Fa wo kwan hyɛ Yehowa nsa,+Na fa wo ho to no so,+ na ɔno na ɔbɛyɛ.+ Dwom 43:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Me kra, dɛn nti na woabotow?+Na dɛn nti na wuntumi nyɛ komm wɔ me mu?Twɛn Onyankopɔn,+Na mɛkamfo no bio sɛ me nkwagye kɛse ne me Nyankopɔn.+ Yesaia 50:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Mo mu hena na osuro+ Yehowa, na otie n’akoa asɛm,+ nea ɔnam sum mu daa+ a hann biara nhyerɛn mma no no? Ma ɔmfa ne ho nto Yehowa din so,+ na ɔmfa ne ho ntweri ne Nyankopɔn.+ Filipifo 4:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Munnnwinnwen biribiara nnhaw mo ho,+ na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ+ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu;+ 1 Petro 5:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 na montow mo dadwen+ nyinaa ngu no so, efisɛ odwen mo ho.+
5 Me kra, dɛn nti na woabotow?+Na dɛn nti na wuntumi nyɛ komm wɔ me mu?Twɛn Onyankopɔn,+Na mɛkamfo no bio sɛ me nkwagye kɛse ne me Nyankopɔn.+
10 Mo mu hena na osuro+ Yehowa, na otie n’akoa asɛm,+ nea ɔnam sum mu daa+ a hann biara nhyerɛn mma no no? Ma ɔmfa ne ho nto Yehowa din so,+ na ɔmfa ne ho ntweri ne Nyankopɔn.+
6 Munnnwinnwen biribiara nnhaw mo ho,+ na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ+ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu;+