1 Samuel 24:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɛnna Dawid mmarima no keka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa reka akyerɛ wo nnɛ da yi sɛ, ‘Hwɛ! mede wo tamfo rehyɛ wo nsa,+ na nea ɛsɔ w’ani biara, fa yɛ no.’”+ Enti Dawid sɔre yɛɛ brɛoo kotwaa Saul atade nguguso ano. Dwom 9:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Amanaman no atɔ amoa a wɔatu mu;+Asau+ a wɔde hintawee no, ayi wɔn ankasa nan.+ Dwom 141:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Nnebɔneyɛfo nyinaa bɛtɔ wɔn ankasa atena mu,+Na me de, metwam. Mmebusɛm 26:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Nea otu amoa no, ɛno ara mu na ɔbɛhwe,+ na nea opirepirew ɔbo no, ne so na ɛbɛsan aba.+ Mmebusɛm 28:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Nea ogyigye teefo kɔ bɔne kwan so+ no, ɔbɛhwe n’ankasa amoa mu,+ na wɔn a wɔn ho nni asɛm de, wobenya adepa adi.+
4 Ɛnna Dawid mmarima no keka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa reka akyerɛ wo nnɛ da yi sɛ, ‘Hwɛ! mede wo tamfo rehyɛ wo nsa,+ na nea ɛsɔ w’ani biara, fa yɛ no.’”+ Enti Dawid sɔre yɛɛ brɛoo kotwaa Saul atade nguguso ano.
10 Nea ogyigye teefo kɔ bɔne kwan so+ no, ɔbɛhwe n’ankasa amoa mu,+ na wɔn a wɔn ho nni asɛm de, wobenya adepa adi.+