Nehemia 9:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Na Lewifo Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kae sɛ: “Monsɔre na munyi Yehowa, mo Nyankopɔn ayɛ+ nkosi daa daa.+ Ma wɔnkamfo w’anuonyam din+ a wɔama so atra nkamfo ne ayeyi nyinaa no. Dwom 72:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Nhyira nka n’anuonyam din no daa daa;+N’anuonyam nhyɛ asase nyinaa so ma.+Amen ne Amen. Dwom 96:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Momfa Yehowa din anuonyam mma no;+Momfa akyɛde mmra ne fie adiwo.+
5 Na Lewifo Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kae sɛ: “Monsɔre na munyi Yehowa, mo Nyankopɔn ayɛ+ nkosi daa daa.+ Ma wɔnkamfo w’anuonyam din+ a wɔama so atra nkamfo ne ayeyi nyinaa no.