Dwom 66:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Mommra mmɛhwɛ Onyankopɔn nnwuma.+Sɛnea ɔne nnipa mma di no yɛ hu.+ Dwom 96:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Monka wɔ amanaman no mu sɛ: “Yehowa afi ase redi hene.+Asase nso atim pintinn a ɛrenhim da.+Teeyɛ mu na obedi amanaman no asɛm ama wɔn.”+ Dwom 105:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 105 Monna Yehowa ase, mommɔ ne din,+Monka ne nneyɛe ho asɛm amanaman mu.+ Dwom 107:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Momma wɔmfa aseda mmɔ Onyankopɔn afɔre+Na wɔmfa ahurusi nka ne nnwuma ho asɛm.+ Yesaia 12:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Saa da no, mobɛka sɛ: “Monna Yehowa ase!+ Mommɔ ne din.+ Momma aman nhu ne nneyɛe,+ na mompae mu nka sɛ ne din korɔn.+
10 Monka wɔ amanaman no mu sɛ: “Yehowa afi ase redi hene.+Asase nso atim pintinn a ɛrenhim da.+Teeyɛ mu na obedi amanaman no asɛm ama wɔn.”+
4 Saa da no, mobɛka sɛ: “Monna Yehowa ase!+ Mommɔ ne din.+ Momma aman nhu ne nneyɛe,+ na mompae mu nka sɛ ne din korɔn.+