17 Na Elisa bɔɔ mpae+ sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, bue n’aniwa+ na onhu.” Ntɛm ara na Yehowa buee ɔsomfo no aniwa, na ohuu nea ɛrekɔ so; ɔbɛhwɛ a, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam+ na ayɛ mmepɔw no so mã atwa Elisa ho nyinaa ahyia yi.+
10 Ogya te sɛ asubɔnten sen fi n’anim ba.+ Mpempem som no,+ na mpem du ahorow mpem du gyinagyina n’anim.+ Wɔtenaa ase sɛ wɔrebu atɛn,+ na wobuebuee nhoma mu.
11 Afei mihui, na metee abɔfo bebree a wɔatwa ahengua no ne honhom abɔde no ne mpanyimfo no ho ahyia nne, na na wɔn dodow yɛ ɔpedudu+ ne mpempem huhaa,+