Dwom 95:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Mommra ɛ, momma yɛnsom na yɛmmɔ yɛn mu ase;+Momma yɛnkotow+ yɛn Bɔfo Yehowa+ anim. Yesaia 44:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Nea wo Yɛfo+ ne wo Nwemfo+ Yehowa a ɔboaa wo fi yafunu+ mu no se ni: ‘O m’akoa Yakob, Yesurun+ a mapaw wo, nsuro.+ Yeremia 2:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 ‘efisɛ bɔne abien na me man ayɛ: Wɔagyaw me+ a meyɛ nkwa nsuti+ no sɛ wɔrekotu mmura, mmura a apaapae a nsu ntumi nnyina mu.’
2 Nea wo Yɛfo+ ne wo Nwemfo+ Yehowa a ɔboaa wo fi yafunu+ mu no se ni: ‘O m’akoa Yakob, Yesurun+ a mapaw wo, nsuro.+
13 ‘efisɛ bɔne abien na me man ayɛ: Wɔagyaw me+ a meyɛ nkwa nsuti+ no sɛ wɔrekotu mmura, mmura a apaapae a nsu ntumi nnyina mu.’