Dwom 19:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam kyerɛ;+Na wim kyerɛ ne nsa ano adwuma.+ Dwom 96:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Momma ɔsoro nni ahurusi, na asase ani nnye.+Momma ɛpo nworo, ɛne nea ɛwom nyinaa.+ Dwom 148:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 148 Munyi Yah ayɛ!+Mumfi ɔsoro nyi Yehowa ayɛ,+Munyi no ayɛ wɔ sorosoro.+ Yesaia 44:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 “Ɔsoro, munni ahurusi,+ efisɛ Yehowa akanyan ne ho!+ Asase ase tɔnn,+ mommɔ ose!+ Mmepɔw,+ kwae ne emu nnua nyinaa, momma mo ani nnye na mo ho nsɛpɛw mo. Efisɛ Yehowa agye Yakob, na wada n’anuonyam adi wɔ Israel.”+ Yesaia 49:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ɔsoro, monto dwom;+ asase, di ahurusi.+ Mmepɔw mfa anigye mmɔ ose,+ efisɛ Yehowa akyekye ne manfo werɛ,+ na ohu ne nkoa a wɔabrɛ mmɔbɔ.+
23 “Ɔsoro, munni ahurusi,+ efisɛ Yehowa akanyan ne ho!+ Asase ase tɔnn,+ mommɔ ose!+ Mmepɔw,+ kwae ne emu nnua nyinaa, momma mo ani nnye na mo ho nsɛpɛw mo. Efisɛ Yehowa agye Yakob, na wada n’anuonyam adi wɔ Israel.”+
13 Ɔsoro, monto dwom;+ asase, di ahurusi.+ Mmepɔw mfa anigye mmɔ ose,+ efisɛ Yehowa akyekye ne manfo werɛ,+ na ohu ne nkoa a wɔabrɛ mmɔbɔ.+