8 Ɛbɛyɛ sɛ obi a ɔkɔm de no a waso dae sɛ ɔredidi, na ɔbɛsɔre no na ɔkɔm da so ara de ne kra.+ Anaa obi a osukɔm de no a waso dae sɛ ɔrenom nsu, nanso ɔbɛsɔre no na ne kra ahodwow na ne mu nsu atwe. Saa ara na ɛbɛto amanaman mu dɔm a wɔatu Bepɔw Sion+ so sa no nyinaa.