Mmebusɛm 24:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Mma w’ani mmmere abɔnefo,+ na mma wo kɔn nnnɔ sɛ wo ne wɔn bɛbɔ.+ Yesaia 26:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 O Yehowa, woama wo nsa so,+ nanso wonhu.+ Sɛ wohu sɛnea wode nnamyɛ di ma wo man a, wɔbɛfɛre.+ Yiw, ogya+ bɛmene w’atamfo. Hosea 14:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Hena ne onyansafo a ɔbɛte nsɛm yi ase?+ Hena ne ɔbadwemma a obehu?+ Yehowa akwan teɛ,+ na treneefo na wɔbɛfa so;+ nanso mmaratofo bɛwatiriw wɔ so.+
11 O Yehowa, woama wo nsa so,+ nanso wonhu.+ Sɛ wohu sɛnea wode nnamyɛ di ma wo man a, wɔbɛfɛre.+ Yiw, ogya+ bɛmene w’atamfo.
9 Hena ne onyansafo a ɔbɛte nsɛm yi ase?+ Hena ne ɔbadwemma a obehu?+ Yehowa akwan teɛ,+ na treneefo na wɔbɛfa so;+ nanso mmaratofo bɛwatiriw wɔ so.+