17 “Nyan, nyan! Sɔre ɛ, Yerusalem,+ wo a woanom Yehowa abufuhyew kuruwa ano wɔ ne nsam.+ Kuruwa a ɛma nnipa tɔ ntintan no, woanom; woafifew mu ma asa.+
10 ɔbɛnom Onyankopɔn abufuw nsã a wohwie no kurennyenn gu n’abufuw kuruwa mu no nso bi,+ na wɔbɛyɛ no ayayade+ wɔ ogya ne sufre+ mu wɔ abɔfo kronkron no ne Oguammaa no anim.
19 Na kurow kɛse+ no mu paapaee abiɛsa, na amanaman no nkurow no hwehwee ase; na wɔkaee Babilon Kɛse+ no wɔ Onyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no kuruwa a n’abufuhyew nsã wom no.+
6 Nea ɔde tuaa mo ka no, momfa saa ara ntua no ka,+ na mommɔ ho abien mma no, yiw, nneɛma a ɔyɛe no mmɔho abien;+ kuruwa+ a ɔde mfrafrae guu mu no, momfa mfrafrae no mmɔho abien+ ngu mu mma no.+