Dwom 90:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Hena na onim sɛnea w’abufuw mu yɛ den fa,+Ne w’abufuhyew, sɛnea osuro a ɛfata wo no te?+ Yeremia 10:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ampa ara, Yehowa ne Onyankopɔn.+ Ɔno ne Onyankopɔn teasefo+ ne daa Hene.+ N’abufuhyew nti, asase bɛwosow,+ na ɔman biara nni hɔ a ebegyina n’abohuru ano.+ Nahum 1:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Hena na obetumi agyina n’abufuw anim?+ Na hena na obetumi asɔre atia n’abufuhyew?+ N’abufuw behwie sɛ ogya,+ na ne nti abotan bedwiriw agu. 1 Korintofo 10:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Anaasɛ “yɛrehyɛ Yehowa abufuw”?+ Yɛn ho yɛ den+ sen no anaa?
10 Ampa ara, Yehowa ne Onyankopɔn.+ Ɔno ne Onyankopɔn teasefo+ ne daa Hene.+ N’abufuhyew nti, asase bɛwosow,+ na ɔman biara nni hɔ a ebegyina n’abohuru ano.+
6 Hena na obetumi agyina n’abufuw anim?+ Na hena na obetumi asɔre atia n’abufuhyew?+ N’abufuw behwie sɛ ogya,+ na ne nti abotan bedwiriw agu.