Deuteronomium 4:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Na ɔman kɛse bɛn na wɔwɔ ahyɛde ne atemmusɛm a ɛteɛ sɛ mmara a mede rema mo nnɛ yi?+ Deuteronomium 27:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Sɛ mutwa kodu hɔ a,+ monkyerɛw mmara yi mu nsɛm nyinaa ngu so+ na moakɔtena asase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no so, sɛnea Yehowa mo agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.+ Dwom 147:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Ɔka n’asɛm kyerɛ Yakob,+Na ɔka n’ahyɛde+ ne n’atemmusɛm kyerɛ Israel.+
3 Sɛ mutwa kodu hɔ a,+ monkyerɛw mmara yi mu nsɛm nyinaa ngu so+ na moakɔtena asase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no so, sɛnea Yehowa mo agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.+