Hiob 34:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Ɛno remma ɔwaefo nni tumi,+Na ɛremma biribi nsum nnipa afiri.+ Hiob 38:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Wɔde wɔn hann kame nnebɔneyɛfo,+Na basa a ɛkorɔn no bubu.+ Dwom 37:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Wobebubu nnebɔneyɛfo basa,+Na Yehowa bɛwowaw treneefo.+ Hesekiel 30:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 “Onipa ba, mebu Egypt hene Farao basa,+ na hwɛ, wɔrenkyekyere sɛ wɔresa no yare; wɔremfa ade nkyekyere so+ na anya ahoɔden de aso nkrante mu.” Sakaria 11:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Me guanhwɛfo hunu+ a wagyaw nguan no+ nnue! Nkrante bɛba ne basa ne n’aniwa nifa so. Ne basa bewu+ na n’aniwa nifa ayɛ kusuu.”
21 “Onipa ba, mebu Egypt hene Farao basa,+ na hwɛ, wɔrenkyekyere sɛ wɔresa no yare; wɔremfa ade nkyekyere so+ na anya ahoɔden de aso nkrante mu.”
17 Me guanhwɛfo hunu+ a wagyaw nguan no+ nnue! Nkrante bɛba ne basa ne n’aniwa nifa so. Ne basa bewu+ na n’aniwa nifa ayɛ kusuu.”