Exodus 14:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Ɛhɔ ara na Mose teɛɛ ne nsa wɔ po no so, na ɛrekɔ anɔpa no, nsu no san baa baabi a na ɛwɔ. Afei Egyptfo no fii ase sɛ wɔreguan, nanso Yehowa kaa wɔn guu po no mfinimfini.+ Exodus 15:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Afei wuguu ahome,+ na po kataa wɔn so;+Wɔmemee te sɛ sumpii wɔ nsu kɛse mu.+ Dwom 136:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Nea ɔkaa Farao ne n’asraafodɔm guu Po Kɔkɔɔ no mu no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+
27 Ɛhɔ ara na Mose teɛɛ ne nsa wɔ po no so, na ɛrekɔ anɔpa no, nsu no san baa baabi a na ɛwɔ. Afei Egyptfo no fii ase sɛ wɔreguan, nanso Yehowa kaa wɔn guu po no mfinimfini.+