34 Nanso merennye ahenni no nyinaa mfi ne nsam, efisɛ mɛyɛ no otitiriw, ne nkwa nna nyinaa, m’akoa Dawid a mapaw+ no nti, efisɛ ɔno de, odii me mmara nsɛm ne m’ahyɛde so.
17 Ne saa nti ɛho behiae sɛ ɔyɛ sɛ ne “nuanom” ade nyinaa mu,+ na wayɛ ɔsɔfo panyin mmɔborɔhunufo ne ɔnokwafo wɔ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho no mu,+ na wabɔ ɔman no bɔne ho mpata+ afɔre.+