1 Samuel 2:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ɔno na ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu,+Na ɔma ohiani so fi sumina so+Sɛ́ ɔde wɔn bɛtena adehye mu; ɔde anuonyam ahengua+ yɛ agyapade ma wɔn.+Yehowa na asase nnyinaso wɔ no,+Na ɔde asase asi so. 1 Beresosɛm 16:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Asase so aman nyinaa, ne nti momma mo yam nhyehye mo!Asase nso atim pintinn,Na ɛrenhim da.+ Dwom 89:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɔsoro yɛ wo dea,+ asase nso yɛ wo dea;+Asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa+—wo na woyɛe.+ Yeremia 10:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase,+ na ɔde ne nyansa maa asase tim hɔ;+ Ɔno na ɔde ne nhumu trɛw ɔsoro mu.+
8 Ɔno na ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu,+Na ɔma ohiani so fi sumina so+Sɛ́ ɔde wɔn bɛtena adehye mu; ɔde anuonyam ahengua+ yɛ agyapade ma wɔn.+Yehowa na asase nnyinaso wɔ no,+Na ɔde asase asi so.
12 Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase,+ na ɔde ne nyansa maa asase tim hɔ;+ Ɔno na ɔde ne nhumu trɛw ɔsoro mu.+