Dwom 68:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Wo Nyankopɔn ahyɛ sɛ ahoɔden mmra wo so.+O Onyankopɔn a woadi ama yɛn, kyerɛ wo tumi.+ Dwom 118:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 O Yehowa, yɛsrɛ wo, gye yɛn!+O Yehowa, yɛsrɛ wo, ma ensi yɛn yiye!+ Yesaia 26:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Yehowa, wubebu asomdwoe atɛn ama yɛn,+ efisɛ yɛn nnwuma nyinaa woayɛ ama yɛn.+