Dwom 8:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 O yɛn Awurade Yehowa, wo din yɛ kɛse dɛn ara wɔ asase nyinaa so,+Wo a wɔka w’anuonyam ho asɛm ma ɛtra ɔsoro!+ Dwom 76:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Hann atwa wo ho ahyia, wokorɔn sen ahayɔ mmepɔw.+ Yesaia 33:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Na Yehowa, Otumfoɔ no,+ begyina hɔ ama yɛn sɛ beae a nsubɔnten+ ne nsuka akɛse wɔ. Akohyɛn biara rentumi mfa mu, na hyɛn kɛse biara rentumi ntwam wɔ hɔ. Hebrifo 1:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ɔyɛ n’anuonyam+ hyerɛn ne ne su sɛso+ pɛpɛɛpɛ, na ɔde n’asɛm a tumi wom no wowaw nneɛma nyinaa;+ na bere a odwiraa yɛn ho fii yɛn bɔne ho+ no, ɔkɔtenaa Anuonyam no nifa+ so wɔ sorosoro.+ Hebrifo 8:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Afei nea yɛreka ho asɛm no, asɛntitiriw a ɛwom ni: Ɔsɔfo panyin+ a ɔte saa na yɛwɔ, na watena Anuonyam no ahengua nifa so wɔ soro+
8 O yɛn Awurade Yehowa, wo din yɛ kɛse dɛn ara wɔ asase nyinaa so,+Wo a wɔka w’anuonyam ho asɛm ma ɛtra ɔsoro!+
21 Na Yehowa, Otumfoɔ no,+ begyina hɔ ama yɛn sɛ beae a nsubɔnten+ ne nsuka akɛse wɔ. Akohyɛn biara rentumi mfa mu, na hyɛn kɛse biara rentumi ntwam wɔ hɔ.
3 Ɔyɛ n’anuonyam+ hyerɛn ne ne su sɛso+ pɛpɛɛpɛ, na ɔde n’asɛm a tumi wom no wowaw nneɛma nyinaa;+ na bere a odwiraa yɛn ho fii yɛn bɔne ho+ no, ɔkɔtenaa Anuonyam no nifa+ so wɔ sorosoro.+
8 Afei nea yɛreka ho asɛm no, asɛntitiriw a ɛwom ni: Ɔsɔfo panyin+ a ɔte saa na yɛwɔ, na watena Anuonyam no ahengua nifa so wɔ soro+