Dwom 49:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ohu sɛ anyansafo mpo wuwu,+Wɔne nkwasea ne nea onni adwene nyinaa sɛe,+Na wogyaw wɔn ahonyade ma ebinom.+ Dwom 73:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Ná minni ntease, enti manhu;+Meyɛɛ sɛ aboa, w’ani so.+ Dwom 92:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Nea onni adwene ntumi nhu mu,+Na ɔkwasea ntumi nte ase.+ Mmebusɛm 12:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Nea ɔdɔ nteɛso no dɔ nimdeɛ,+ na nea ɔtan ɔkasakyerɛ de, onni adwene.+
10 Ohu sɛ anyansafo mpo wuwu,+Wɔne nkwasea ne nea onni adwene nyinaa sɛe,+Na wogyaw wɔn ahonyade ma ebinom.+