8 Munnsuro, na mommmɔ hu.+ Efi saa bere no, so memmaa mo nyinaa ntee? Na menkaa ho asɛm nkyerɛɛ mo?+ Mone m’adansefo.+ So Onyankopɔn bi wɔ hɔ ka me ho?+ Dabi, Ɔbotan+ biara nni hɔ. Minhuu bi.’”
14 “Nnome nka ɔdaadaafo a ɔwɔ odwennini a ɔte apɔw wɔ ne nguankuw mu, nanso sɛ ɔhyɛ bɔ a, ɔde aboa a wadi dɛm na ɛbɔ afɔre ma Yehowa.+ Meyɛ Ɔhenkɛse,+ na mɛma me din ayɛ hu wɔ amanaman mu,”+ Asafo Yehowa na waka.
6 nanso yɛn de, Onyankopɔn biako+ na yɛwɔ, Agya+ no a nneɛma nyinaa fi no mu, na yɛwɔ hɔ ma no+ no; na Awurade biako+ na ɔwɔ hɔ, Yesu Kristo,+ a ɛnam no so na nneɛma nyinaa wɔ hɔ,+ na yɛnam no so wɔ hɔ no.