10 “Sɛ moregye mo ani+ oo, morehyɛ fã+ oo, morefi ɔsram foforo+ bi ase oo, monhyɛn ntorobɛnto no ngu ɔhyew+ ne asomdwoe+ afɔre a mobɛbɔ no so. Moyɛ saa a, ɛbɛyɛ nkae ade wɔ mo Nyankopɔn anim ama mo. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.”+
28 Na Israelfo nyinaa siim sɛ wɔde Yehowa apam adaka no reba; wɔbɔɔ ose,+ na wɔhyɛn mmɛn+ ne ntorobɛnto,+ bɔɔ nnawuta+ ne asanku ahorow+ nyinaa bi denneennen.
27 Afei Hesekia kae sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre no afɔremuka no so; bere a wofii ase sɛ wɔrebɔ ɔhyew afɔre no, Yehowa dwom+ ne ntorobɛnto no fii ase, na wɔhyɛn maa ɛne Israel hene Dawid nnwonto nneɛma no nnyigyei hyiae.