1 Korintofo 5:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Na afei merekyerɛw mo sɛ, mo ne obi a wɔfrɛ no onua a ɔyɛ oguamammɔfo anaa odifudepɛfo+ anaa ɔbosonsonni anaa obi a ɔsopa afoforo anaa ɔsabofo+ anaa ɔpoobɔfo mmmɔ,+ na mo ne saa nipa no nnnidi mpo. 2 Korintofo 6:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro.+ Na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ?+ Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?+ 2 Yohane 10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Sɛ obi ba mo nkyɛn na onkura nkyerɛkyerɛ yi a, munnnye no nnkɔ mo fie+ na munnkyia no nso.+
11 Na afei merekyerɛw mo sɛ, mo ne obi a wɔfrɛ no onua a ɔyɛ oguamammɔfo anaa odifudepɛfo+ anaa ɔbosonsonni anaa obi a ɔsopa afoforo anaa ɔsabofo+ anaa ɔpoobɔfo mmmɔ,+ na mo ne saa nipa no nnnidi mpo.
14 Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro.+ Na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ?+ Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?+