43 wo ara fi ɔsoro, wo tenabea+ hɔ tie na yɛ ɔhɔho no abisade a ɔde to w’anim nyinaa ma no,+ na ama asase so aman nyinaa ahu wo din+ na wɔasuro wo sɛnea wo man Israel suro wo no, na wɔahu sɛ wo din na ɛda ofie a masi yi so.+
4 Yehowa,+ hena na ɔrensuro wo+ na ɔnhyɛ wo din anuonyam?+ Efisɛ wo nkutoo ne ɔnokwafo.+ Amanaman nyinaa bɛba w’anim abɛsom wo,+ efisɛ w’ahyɛde a ɛteɛ no ada adi.”+