19 Wo bɔne bɛteɛ wo so+ na wo nkontompo aka w’anim.+ Hwɛ na hu sɛ ɛyɛ bɔne ne ade a ɛyɛ nwene+ sɛ woagyaw Yehowa wo Nyankopɔn no, a me ho hu biara nni wo mu,’+ Awurade Tumfoɔ+ asafo Yehowa asɛm ni.
Wobu ɔhonam akɔnnɔ a wodi akyi awiabere no sɛ anigyede.+ Wɔyɛ nkekae ne dɛm, na nea wɔn ani gye ho ara ne sɛ wɔde atoro nkyerɛkyerɛ bɛdaadaa mo bere a wɔne mo bom didi no.+