Hiob 33:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Ne kra bɛn amoa,+Na ne nkwa bɛn awudifo. Hiob 38:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Wɔabue owu apon+ ama wo anaa?Na wubetumi ahu esum kabii+ apon? Dwom 9:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Hu me mmɔbɔ, O Yehowa; hwɛ sɛnea m’atamfo hiahia me ho,+O wo a woma me so fi owu apon ano,+ Dwom 88:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Me kra abrɛ ne amanehunu,+Na me nkwa abɛn Adamoa.*+ Dwom 116:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Owu nhama twaa me ho hyiae,+Na me ho hiahiaa me sɛnea mewɔ Adamoa* mu.+Ahohia ne awerɛhow annyae me.+ Adiyisɛm 1:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 ne ɔteasefo no;+ na miwui,+ nanso, hwɛ! mete ase daa daa,+ na mikura owu+ ne Adamoa*+ safe.
3 Owu nhama twaa me ho hyiae,+Na me ho hiahiaa me sɛnea mewɔ Adamoa* mu.+Ahohia ne awerɛhow annyae me.+