Deuteronomium 4:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Munni so efisɛ ɛno na ɛbɛma moanya nyansa+ ne nhumu+ wɔ aman a wɔbɛte ahyɛde yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ, ‘Ɔman kɛse yi wɔ nyansa ne nhumu ampa.’+ Dwom 64:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na adesamma nyinaa besuro;+Wɔbɛka Onyankopɔn nnwuma ho asɛm,+ Na wɔbɛte ne nnwuma ase.+ Mmebusɛm 1:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Onyansafo betie na ne nimdeɛ adɔɔso,+ na onimdefo anya akwankyerɛ pa,+ Yeremia 9:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “Hena ne onyansafo a ɔbɛte eyi ase? Hena na Yehowa akasa akyerɛ no ama ɔno nso aka akyerɛ?+ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ asase yi sɛe na ɛhyew sɛ sare, a obi mfa so bio?”+ Hosea 14:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Hena ne onyansafo a ɔbɛte nsɛm yi ase?+ Hena ne ɔbadwemma a obehu?+ Yehowa akwan teɛ,+ na treneefo na wɔbɛfa so;+ nanso mmaratofo bɛwatiriw wɔ so.+
6 Munni so efisɛ ɛno na ɛbɛma moanya nyansa+ ne nhumu+ wɔ aman a wɔbɛte ahyɛde yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ, ‘Ɔman kɛse yi wɔ nyansa ne nhumu ampa.’+
12 “Hena ne onyansafo a ɔbɛte eyi ase? Hena na Yehowa akasa akyerɛ no ama ɔno nso aka akyerɛ?+ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ asase yi sɛe na ɛhyew sɛ sare, a obi mfa so bio?”+
9 Hena ne onyansafo a ɔbɛte nsɛm yi ase?+ Hena ne ɔbadwemma a obehu?+ Yehowa akwan teɛ,+ na treneefo na wɔbɛfa so;+ nanso mmaratofo bɛwatiriw wɔ so.+