Dwom 61:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ɔbɛtena Onyankopɔn anim afebɔɔ;+O ma adɔe ne nokware mmɔ ne ho ban.+ Dwom 66:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Nhyira nka Onyankopɔn a wanyi n’aso amfi me mpaebɔ ho,Na wanyi n’adɔe nso amfi me so no.+ Dwom 89:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 89 Mɛto Yehowa adɔe ho dwom akosi daa.+Mede m’ano bɛka wo nokwaredi ho asɛm awo ntoatoaso nyinaa mu.+ Dwom 138:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Mɛkotow de m’ani akyerɛ w’asɔrefie kronkron no,+Na mɛkamfo wo din,+W’adɔe+ ne wo nokware nti.+Efisɛ woama w’asɛm so+ atra wo din mpo.+ Mika 7:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Wobɛda wo nokwaredi adi akyerɛ Yakob na woada w’adɔe adi akyerɛ Abraham sɛnea wokaa yɛn agyanom ntam fi teteete no.+ Romafo 3:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɛrentumi mma saa da! Na mmom momma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo,+ ɛwom, onipa biara bɛyɛ ɔtorofo,+ sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Nea ɛbɛyɛ a wubedi bem wo nsɛm mu, na sɛ wobu wo atɛn a woadi nkonim.”+
89 Mɛto Yehowa adɔe ho dwom akosi daa.+Mede m’ano bɛka wo nokwaredi ho asɛm awo ntoatoaso nyinaa mu.+
2 Mɛkotow de m’ani akyerɛ w’asɔrefie kronkron no,+Na mɛkamfo wo din,+W’adɔe+ ne wo nokware nti.+Efisɛ woama w’asɛm so+ atra wo din mpo.+
20 Wobɛda wo nokwaredi adi akyerɛ Yakob na woada w’adɔe adi akyerɛ Abraham sɛnea wokaa yɛn agyanom ntam fi teteete no.+
4 Ɛrentumi mma saa da! Na mmom momma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo,+ ɛwom, onipa biara bɛyɛ ɔtorofo,+ sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Nea ɛbɛyɛ a wubedi bem wo nsɛm mu, na sɛ wobu wo atɛn a woadi nkonim.”+