Dwom 42:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Me nusu ayɛ me aduan awia ne anadwo;+Na wobisa me daa sɛ: “Wo Nyankopɔn wɔ he?”+ Dwom 79:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ amanaman no ka sɛ: “Ɛhefa na wɔn Nyankopɔn no wɔ?”+Ma yɛn aniwa nhu, amanaman no mu+Bere a wotɔ wo nkoa a wɔahwie wɔn mogya agu no so were no.+ Yoel 2:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 “Momma asɔfo no, Yehowa asomfo no nsũ wɔ abantenten no ne afɔremuka+ no ntam sɛ, ‘O Yehowa, hu wo man mmɔbɔ, na mma w’agyapade nnyɛ ahohorade,+ mma amanaman nnni wɔn so. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔka wɔ aman mu sɛ: “Wɔn Nyankopɔn no wɔ he?”’+
10 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ amanaman no ka sɛ: “Ɛhefa na wɔn Nyankopɔn no wɔ?”+Ma yɛn aniwa nhu, amanaman no mu+Bere a wotɔ wo nkoa a wɔahwie wɔn mogya agu no so were no.+
17 “Momma asɔfo no, Yehowa asomfo no nsũ wɔ abantenten no ne afɔremuka+ no ntam sɛ, ‘O Yehowa, hu wo man mmɔbɔ, na mma w’agyapade nnyɛ ahohorade,+ mma amanaman nnni wɔn so. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔka wɔ aman mu sɛ: “Wɔn Nyankopɔn no wɔ he?”’+