4Asafo Yehowa asɛm ni: “Hwɛ, ɛda no reba, na ɛrehyew te sɛ fononoo,+ na ahantanfo ne wɔn a wodi abɔnefosɛm nyinaa bɛyɛ sɛ sare.+ Na da a ɛreba no bɛhyew wɔn, na ntini anaa dubaa mpo renka.+
5 Saa ara na mo mmerante nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛase adwene mmɔ mo asen mfa nsonsom mo ho,+ efisɛ Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.+