11 Ɛnna Mose bɔɔ mmɔden sɛ obedwudwo Yehowa, ne Nyankopɔn, bo+ sɛ: “Yehowa, adɛn na wo bo afuw+ wo nkurɔfo a wode tumi kɛse ne nsa a ɛyɛ den yii wɔn fii Egypt asase so yi?
27 sɛ́ woanyɛ wo koma+ den na wobrɛɛ wo ho ase+ Onyankopɔn anim bere a wotee nsɛm a wɔaka wɔ kurow yi ne wɔn a wɔtete mu ho, na wobrɛɛ wo ho ase m’anim,+ na wusuan+ w’atade mu sui m’anim nti, me nso mate,+ Yehowa asɛm ni.