Dwom 22:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na me de, meyɛ osunson,+ menyɛ onipa,Meyɛ ahohorade ma nnipa ne atantanne ma aman.+ Luka 17:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Enti mo nso, sɛ moyɛ nea wɔahyɛ mo nyinaa wie a, monka sɛ, ‘Yɛyɛ nkoa a mfaso nni yɛn so.+ Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara na yɛayɛ no.’” Luka 18:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na towgyeni no a ogyina fã nohoa no ampɛ sɛ ɔma ne ti so hwɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko+ ara kae sɛ, ‘O Onyankopɔn, hu me ɔdebɔneyɛfo+ yi mmɔbɔ.’ 1 Petro 5:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn nsa a tumi wom no ase na wama mo so bere a ɛsɛ mu;+
10 Enti mo nso, sɛ moyɛ nea wɔahyɛ mo nyinaa wie a, monka sɛ, ‘Yɛyɛ nkoa a mfaso nni yɛn so.+ Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara na yɛayɛ no.’”
13 Na towgyeni no a ogyina fã nohoa no ampɛ sɛ ɔma ne ti so hwɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko+ ara kae sɛ, ‘O Onyankopɔn, hu me ɔdebɔneyɛfo+ yi mmɔbɔ.’