1 Samuel 24:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Hwɛ, me papa,+ hwɛ sɛ w’atade nguguso ano kura me nsam. Mitwaa w’atade nguguso ano nanso mankum wo. Hwɛ na hu sɛ bɔne+ anaa atuatew bi nni me nsam, na menyɛɛ wo bɔne, nanso wo de, woatɛw me kra pɛ sɛ wuyi fi hɔ.+ 1 Samuel 26:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Na ɔtoaa so kae sɛ: “Dɛn nti na me wura retaa n’akoa+ yi? Dɛn na mayɛ? Bɔne bɛn na ɛwɔ me nsam?+ Dwom 119:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Adehye mma tena ase; me na wɔbom kasa tia me.+Na w’akoa de, w’ahyɛde ho na odwen.+ Yohane 15:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Nanso ɛno na ɛbɛma asɛm a wɔakyerɛw wɔ wɔn Mmara no mu no aba mu sɛ, ‘Wɔtan me kwa.’+
11 Hwɛ, me papa,+ hwɛ sɛ w’atade nguguso ano kura me nsam. Mitwaa w’atade nguguso ano nanso mankum wo. Hwɛ na hu sɛ bɔne+ anaa atuatew bi nni me nsam, na menyɛɛ wo bɔne, nanso wo de, woatɛw me kra pɛ sɛ wuyi fi hɔ.+