Dwom 119:104 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 104 W’ahyɛde na ama mede ntease yɛ m’ade.+Ɛno nti na mikyi nkontompo kwan biara no.+ Mmebusɛm 6:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 ɔdansekurumfo a otwa nkontompo,+ ne obi a ɔtoto anuanom ntam.+ Amos 5:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Montan bɔne na monnɔ papa,+ na momma atɛntrenee ntena kurow pon ano.+ Na ebia Yehowa, asafo Nyankopɔn, behu Yosef nkaefo no mmɔbɔ.’+ Romafo 12:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Mommma nyaatwom+ mmma mo dɔ+ mu. Munkyi bɔne,+ mommata papa ho.+
15 Montan bɔne na monnɔ papa,+ na momma atɛntrenee ntena kurow pon ano.+ Na ebia Yehowa, asafo Nyankopɔn, behu Yosef nkaefo no mmɔbɔ.’+