11 Nanso Yehowa gyina m’akyi+ sɛ ɔdɔmmarima a ne ho yɛ hu.+ Ɛno nti na m’ataafo behintiw na wɔrennyina no.+ Wɔn ani bewu paa, efisɛ ɛrensi wɔn yiye. Wɔn aniwu no rentwam da, na werɛ remfi da.+
10 Bere a Daniel tee sɛ wɔde nsa ahyɛ mmara no ase no, ɔkɔɔ ne fie; nso na n’abansoro dan mu mfɛnsere a ɛkyerɛ Yerusalem+ no abuebue, na ɔkotow ne nkotodwe anim mprɛnsa da koro,+ na ɔbɔɔ mpae+ daa ase, ne Nyankopɔn anim+ sɛnea na ɔyɛ kan no ara.+