Dwom 66:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Woama ɔdesani atwiw afa yɛn ti so;+Yɛafa ogya ne nsu mu,+Na woama yɛanya ɔhome.+ Dwom 141:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Sɛnea wɔpae gya ma ɛpete fam no,Saa ara na wɔapete yɛn nnompe Adamoa* kwan ano.+ Yesaia 51:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Na mede bɛhyɛ wɔn a wɔhaw wo no nsam,+ wɔn a wɔka kyerɛɛ wo kra sɛ, ‘Butuw hɔ na yɛmfa wo so,’ na wode w’akyi yɛe sɛ fam anaa kurom kwan maa wɔn a wotwam no.”+
23 Na mede bɛhyɛ wɔn a wɔhaw wo no nsam,+ wɔn a wɔka kyerɛɛ wo kra sɛ, ‘Butuw hɔ na yɛmfa wo so,’ na wode w’akyi yɛe sɛ fam anaa kurom kwan maa wɔn a wotwam no.”+