Dwom 115:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 O Israel, momfa mo ho nto Yehowa so;+Ɔno ne mo boafo ne mo kyɛm.+ Dwom 130:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Momma Israel ntwɛn Yehowa.+Yehowa nkyɛn na adɔe wɔ,+Na ogye a ɛdɔɔso wɔ ne nsam.+ Yeremia 17:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Nhyira ne ɔbarima a ɔde ne ho to Yehowa so na ɔde Yehowa yɛ n’anidaso.+ Mika 7:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Nanso me de, Yehowa ara na mehwɛ no.+ Mede ntoboase bɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no.+ Me Nyankopɔn betie me.+
7 Nanso me de, Yehowa ara na mehwɛ no.+ Mede ntoboase bɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no.+ Me Nyankopɔn betie me.+