29 Na anadwo dasum no, Yehowa kum Egypt asase no so abakan biara,+ efi Farao a ɔte n’agua so no abakan so kosi dommum a ɔda afiase abakan so. Okum aboa biara abakan nso.+
15 Na Farao pirim ne koma kae sɛ ɔremma yɛnkɔ,+ enti Yehowa kum abakan biara a ɔwɔ Egypt asase so,+ efi onipa so kosi aboa so.+ Ɛno nti na mede anini a ebue yafunu ano+ nyinaa bɔ afɔre ma Yehowa no, nanso m’abakan biara de, metɔ no.’+