Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Exodus 7:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Mose ne Aaron yɛɛ saa ntɛm ara,+ sɛnea Yehowa hyɛɛ+ wɔn no. Ɔmaa ne poma so de bɔɔ nsu a ɛwɔ Asubɔnten Nil mu no mu wɔ Farao ne ne nhenkwaa anim,+ na Asubɔnten Nil mu nsu nyinaa dan mogya.+

  • Exodus 8:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Na Aaron teɛɛ ne nsa wɔ Egypt nsu so, na mpɔtorɔ bɛkataa Egypt asase nyinaa so.

  • Exodus 8:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Wɔyɛɛ saa. Na Aaron teɛɛ ne nsa de ne poma no bɔɔ fam, na ntummoa baa nnipa ne mmoa nyinaa so. Na asase no so mfutuma nyinaa dan ntummoa wɔ Egypt asase so baabiara.+

  • Exodus 9:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Enti ade kyee no, Yehowa yɛɛ nea waka no, na Egypt nyɛmmoa ahorow nyinaa fii ase wuwui,+ na Israelfo mmoa de, biako mpo anwu.

  • Exodus 9:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Enti wɔkɔsaw fononoo mu nsõ, na wobegyinaa Farao anim. Afei Mose tow petee wim na ɛdan mpɔmpɔ bɔne+ bobɔɔ nnipa ne mmoa nyinaa.

  • Exodus 9:23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 Enti Mose de ne poma no kyerɛɛ soro, na Yehowa maa aprannaa ne amparuwbo+ ne ogya pae guu asase no so, na Yehowa maa amparuwbo no tɔ guu Egypt asase so.

  • Exodus 10:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Teɛ+ wo nsa wɔ Egypt asase so ma mmoadabi mmra Egypt asase nyinaa so, na wommedi asase no so nhaban ne afifide nyinaa, nea amparuwbo no ansɛe no biara.”+

  • Exodus 10:21
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Teɛ wo nsa kyerɛ soro+ na esum mmra Egypt asase nyinaa so, esum a woso mu a ɛbɛyɛ yiye.”

  • Deuteronomium 4:34
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 34 Anaa woate pɛn sɛ Onyankopɔn nam sɔhwɛ,+ ne nsɛnkyerɛnne,+ ne anwonwade,+ ne ɔko,+ ne nsa a ɛyɛ den,+ ne basa a wɔateɛ mu+ ne ahude+ so ayi ɔman bi afi ɔman foforo mu de ne din ato wɔn so sɛnea Yehowa mo Nyankopɔn yɛ maa mo wɔ Egypt wɔ mo anim no?

  • Nehemia 9:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade tiaa Farao ne ne nkoa ne nnipa a wɔwɔ n’asase so nyinaa,+ efisɛ na wunim sɛ wɔadi wɔn so ahantansɛm;+ na wode nyaa din+ de abesi nnɛ.

  • Dwom 105:27
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 27 Wɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnne wɔ wɔn mu,+

      Na wɔyɛɛ anwonwade wɔ Ham asase so.+

  • Asomafo Nnwuma 7:36
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 36 Ɔbarima yi na oyii wɔn;+ ɔyɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne wɔ Egypt+ ne Po Kɔkɔɔ+ no mu ne sare no so mfe aduanan.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena