Yosua 1:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Mma mmara nhoma yi mmfi w’anom,+ na mmom kenkan na dwinnwen ho awia ne anadwo na woadi nea wɔakyerɛw wom nyinaa so.+ Woyɛ saa a, ebesi wo yiye na woayɛ w’ade nyansam.+ Dwom 35:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Ma me tɛkrɛma nka wo trenee wɔ me komam+Ne w’ayeyi daa.+ Dwom 119:97 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 97 Hwɛ sɛnea medɔ wo mmara!+Ɛno na midwen ho da mu nyinaa.+ 1 Timoteo 4:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Dwinnwen eyinom ho;+ fa wo koma nyinaa si so, na ama wo nkɔso+ ada adi nnipa nyinaa anim.
8 Mma mmara nhoma yi mmfi w’anom,+ na mmom kenkan na dwinnwen ho awia ne anadwo na woadi nea wɔakyerɛw wom nyinaa so.+ Woyɛ saa a, ebesi wo yiye na woayɛ w’ade nyansam.+