7 N’ahenni+ mu bɛtrɛw na asomdwoe a enni awiei+ bɛba Dawid ahengua+ so ne n’ahenni so, na ɔde atɛntrenee+ ne trenee+ bɛwowaw+ n’ahenni ma atim fi sesɛɛ akosi daa. Asafo Yehowa nnamyɛ na ɛbɛyɛ eyi.+
5 Ɛnna mpanyimfo no mu biako ka kyerɛɛ me sɛ: “Gyae su. Hwɛ! Yuda abusua mu Gyata,+ Dawid+ ntini no,+ adi nkonim+ ma enti obetumi abue nhoma no mu ayi ne nsɔano ason no.”