Ester 7:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Enti wɔkɔsɛn Haman wɔ dua+ a ɔyɛ maa Mordekai+ no so na ɔhene no bo dwoe. Dwom 7:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Ɔno ara ti so na ne haw bɛba,+Na ne mpampam na ne basabasayɛ bɛba.+ Dwom 94:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Ɔbɛma wɔn amumɔyɛsɛm adan aba wɔn so,+Na wɔn mmusu na ɔde bɛma wɔaka wɔn ano atom.+Yɛn Nyankopɔn Yehowa bɛma wɔaka wɔn ano atom.+ Mmebusɛm 12:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ano mfomso yɛ afiri ma ɔbɔnefo,+ na ɔtreneeni befi ahohia mu.+ Mmebusɛm 18:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ɔkwasea ano na ɛsɛe no,+ na n’anom asɛm sum ne kra afiri.+
23 Ɔbɛma wɔn amumɔyɛsɛm adan aba wɔn so,+Na wɔn mmusu na ɔde bɛma wɔaka wɔn ano atom.+Yɛn Nyankopɔn Yehowa bɛma wɔaka wɔn ano atom.+