Dwom 9:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Efisɛ woabu atɛn, na woadi m’asɛm ama me;+Woatena ahengua so abu atɛn trenee mu.+ Dwom 10:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Na woadi agyanka ne ɔwerɛhoni asɛm ama wɔn,+Na onipa desani a ofi asase mu anhunahuna wɔn bio.+ Dwom 22:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Wammu ɔmanehunufo animtiaa,+Na wantan no n’amanehunu mu;+Wamfa n’anim anhintaw no;+Osu frɛɛ no no, otiei.+ Dwom 72:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ma onni ɔman no mu mmɔborɔni asɛm mma no,+Ma onnye ohiani mma,Na ommubu osisifo pasaa.
24 Wammu ɔmanehunufo animtiaa,+Na wantan no n’amanehunu mu;+Wamfa n’anim anhintaw no;+Osu frɛɛ no no, otiei.+