Mmebusɛm 3:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Fa wo koma nyinaa to Yehowa so,+ na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease.+ Mmebusɛm 16:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Nea ɔda nhumu adi wɔ asɛm mu no, ebesi no yiye;+ anigye ne nea ɔde ne ho to Yehowa so.+ Yesaia 26:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Nea ne koma si pi no, wode asomdwoe bɛbɔ ne ho ban daa,+ efisɛ ɔde ne ho ato wo so.+ Yeremia 17:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Nhyira ne ɔbarima a ɔde ne ho to Yehowa so na ɔde Yehowa yɛ n’anidaso.+