Dawid miktam.
16 Onyankopɔn, kora me so, efisɛ wone me guankɔbea.+
2 Maka akyerɛ Yehowa sɛ: “Wone Yehowa; sɛ meyɛ papa a, menyɛ mma wo,+
3 Na mmom meyɛ ma akronkronfo a wɔwɔ asase so no.
Saa anuonyamfo no, wɔn na m’ani sɔ wɔn paa.”+
4 Wɔn a wɔde ntɛmpɛ di anyame foforo akyi no, wɔn yawdi dɔɔso.+
Merenhwie wɔn mogya afɔrebɔ nsã no bi,+
Na meremma wɔn din nna m’ano.+
5 Yehowa ne me kyɛfa+ ne kuruwa a wɔasusuw ama me.+
Me kyɛfa hyɛ wo nsa.
6 Susuhama no atwa nea ɛhɔ ye ama me.+
M’ani asɔ nea manya no.
7 Mehyira Yehowa a wama me afotu+ no.
Anadwo na m’asaabo teɛ me so.+
8 Mede Yehowa asi m’anim daa.+
Ɔwɔ me nifa nti, merenhinhim da biara da.+
9 Ɛno nti me koma bɛtɔ me yam, na m’anuonyam adi ahurusi.+
Me honam nso bɛtena hɔ dwoodwoo.+
10 Na worennyaw me kra wɔ Adamoa mu.+
Woremma wo nokwafo nhu amoa.+
11 Wobɛma mahu nkwa kwan.+
Ahurusidi kɛse wɔ w’anim;+
Anigye wɔ wo nifa so daa.+