Dwom 35:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Sɛnea awaefo di paanoo sin ho fɛw no,+Saa ara na wɔtwɛre wɔn se gu me so.+ Mateo 5:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 “Anigye ne mo sɛ me nti nkurɔfo bɔ mo ahohora+ na wɔtaa+ mo na wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so. Mateo 9:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Yesu fii ase kae sɛ: “Mumfi ha, na abeawa no nwui, na mmom wada.”+ Eyi nti wofii ase serew no.+ Luka 16:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Afei nso na Farisifo a wɔyɛ sikanibere no retie eyinom nyinaa, na wofii ase dii ne ho fɛw.+
11 “Anigye ne mo sɛ me nti nkurɔfo bɔ mo ahohora+ na wɔtaa+ mo na wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so.