Dwom 13:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Na me tamfo anka sɛ: “Madi no so nkonim!”Na wɔn a wokyi me ani annye sɛ mahintiw.+ Dwom 35:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Mma wɔn a wokyi me kwa no nnni me ho ahurusi;+Na wɔn a wɔtan me kwa no, mma wɔmmpa wɔn ani akyi.+ Dwom 41:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Eyi ho na mahu sɛ wopɛ m’asɛm,Efisɛ me tamfo nni me ho ahurusi.+