Genesis 18:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Yehowa kae sɛ: “Mede biribi a mɛyɛ behintaw Abraham anaa?+ Mmebusɛm 3:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Yehowa+ kyi okontomponi,+ na teefo na Ɔne wɔn di atirimsɛm.+ Amos 3:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Awurade Tumfoɔ Yehowa renyɛ biribi gye sɛ wayi n’atirimsɛm adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.+ Yohane 15:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Seesei memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura yɛ. Na mmom mafrɛ mo nnamfo,+ efisɛ nea mate afi m’Agya hɔ nyinaa mama moahu.+
15 Seesei memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura yɛ. Na mmom mafrɛ mo nnamfo,+ efisɛ nea mate afi m’Agya hɔ nyinaa mama moahu.+